Yesaia 40:21
Isaiah 40:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? Wɔnnka nkyerɛɛ wo firi ahyɛaseɛ no anaa? Ɛfiri ɛberɛ a wɔbɔɔ asase no, wontee aseɛ anaa?
Isaiah 40:21 in English
Isaiah 40:21 · Berean Standard Bible
Do you not know? Have you not heard? Has it not been declared to you from the beginning? Have you not understood since the foundation of the earth?
Context
19Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔyɛ,
na sikadwumfoɔ de sikakɔkɔɔ agu ho
na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no. 20Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛdeɛ yi mma no
kɔpɛ dua a ɛremporɔ.
Ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ
na wayɛ ohoni a ɛremmuni nhwe fam asi hɔ. 21Wonnim anaa?
Wonteeɛ anaa?
Wɔnnka nkyerɛɛ wo firi ahyɛaseɛ no anaa?
Ɛfiri ɛberɛ a wɔbɔɔ asase no, wontee aseɛ anaa? 22Ɔte ahennwa so wɔ asase kanko no atifi.
Ɛso nnipa te sɛ ntutummɛ
ɔtwe ɔsoro mu te sɛ ntwamutam,
na ɔde yɛ ntomadan tena mu. 23Ɔma ahenemma yɛ nnipa hunu
na ewiase yi sodifoɔ nso, ɔbrɛ wɔn ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.