Native Bible

Isaiah 40:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei hwan ho na wode Onyankopɔn bɛtoto? Nsɛsodeɛ bɛn ho na wode no bɛtoɔ?

Isaiah 40:18 in English

Isaiah 40:18 · Berean Standard Bible

To whom will you liken God? To what image will you compare Him?

Context

16Lebanon nnɔɔso mma afɔrebukyia so ogya, na ne mmoa renso mma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ. 17Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim; ɔbu wɔn adehunu bi a wɔnka hwee. 18Afei hwan ho na wode Onyankopɔn bɛtoto? Nsɛsodeɛ bɛn ho na wode no bɛtoɔ? 19Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔyɛ, na sikadwumfoɔ de sikakɔkɔɔ agu ho na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no. 20Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛdeɛ yi mma no kɔpɛ dua a ɛremporɔ. Ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ na wayɛ ohoni a ɛremmuni nhwe fam asi hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.