Native Bible

Isaiah 35:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno na wɔbɛbue anifirafoɔ ani, na wɔama asotifoɔ aso ate asɛm.

Isaiah 35:5 in English

Isaiah 35:5 · Berean Standard Bible

Then the eyes of the blind will be opened and the ears of the deaf unstopped.

Context

3Hyɛ nsa a emu ago no mu den, hyɛ nkotodwe a ahodwo no mu den; 4Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ, “Monhyɛ mo ho den, na monnsuro; mo Onyankopɔn bɛba, ɔde aweretɔ bɛba; ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsoro bɛba abɛgye mo nkwa.” 5Ɛno na wɔbɛbue anifirafoɔ ani, na wɔama asotifoɔ aso ate asɛm. 6Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam. Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so, na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so. 7Anwea a ɛso yɛ hyeɛ no bɛdane ɔtadeɛ, na nsuwansuwa atue wɔ asase wesee so. Atu a anka sakraman te mu no, ɛhɔ na ɛserɛ ne demmire ne paparɔs bɛfifirie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.