Native Bible

Isaiah 35:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ, “Monhyɛ mo ho den, na monnsuro; mo Onyankopɔn bɛba, ɔde aweretɔ bɛba; ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsoro bɛba abɛgye mo nkwa.”

Isaiah 35:4 in English

Isaiah 35:4 · Berean Standard Bible

Say to those with anxious hearts: “Be strong, do not fear! Behold, your God will come with vengeance. With divine retribution He will come to save you.”

Context

2ɛbɛpae ayɛ fɛɛfɛɛfɛ; ɛbɛdi ahurisie na ɛde anigyeɛ ateam. Wɔde Lebanon animuonyam bɛma anweatam no. Ɛbɛyɛ sɛ Karmel ne Saron ahoɔfɛ; wɔbɛhunu Awurade animuonyam, yɛn Onyankopɔn tumi no. 3Hyɛ nsa a emu ago no mu den, hyɛ nkotodwe a ahodwo no mu den; 4Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ, “Monhyɛ mo ho den, na monnsuro; mo Onyankopɔn bɛba, ɔde aweretɔ bɛba; ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsoro bɛba abɛgye mo nkwa.” 5Ɛno na wɔbɛbue anifirafoɔ ani, na wɔama asotifoɔ aso ate asɛm. 6Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam. Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so, na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.