Yesaia 35:6
Isaiah 35:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam. Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so, na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so.
Isaiah 35:6 in English
Isaiah 35:6 · Berean Standard Bible
Then the lame will leap like a deer and the mute tongue will shout for joy. For waters will gush forth in the wilderness, and streams in the desert.
Context
4Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ,
“Monhyɛ mo ho den, na monnsuro;
mo Onyankopɔn bɛba,
ɔde aweretɔ bɛba;
ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsoro
bɛba abɛgye mo nkwa.” 5Ɛno na wɔbɛbue anifirafoɔ ani,
na wɔama asotifoɔ aso ate asɛm. 6Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ,
na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam.
Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so,
na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so. 7Anwea a ɛso yɛ hyeɛ no bɛdane ɔtadeɛ,
na nsuwansuwa atue wɔ asase wesee so.
Atu a anka sakraman te mu no,
ɛhɔ na ɛserɛ ne demmire ne paparɔs bɛfifirie. 8Na ɔkwantempɔn bɛda hɔ;
wɔbɛfrɛ no Ahoteefoɔ Kwan.
Wɔn a wɔn ho nteɛ rentu ɛkwan wɔ so;
ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnante saa Ɛkwan no so;
amumuyɛfoɔ nkwaseafoɔ rennante nante so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.