Native Bible

Isaiah 35:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɔkwantempɔn bɛda hɔ; wɔbɛfrɛ no Ahoteefoɔ Kwan. Wɔn a wɔn ho nteɛ rentu ɛkwan wɔ so; ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnante saa Ɛkwan no so; amumuyɛfoɔ nkwaseafoɔ rennante nante so.

Isaiah 35:8 in English

Isaiah 35:8 · Berean Standard Bible

And there will be a highway called the Way of Holiness. The unclean will not travel it— only those who walk in the Way— and fools will not stray onto it.

Context

6Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam. Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so, na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so. 7Anwea a ɛso yɛ hyeɛ no bɛdane ɔtadeɛ, na nsuwansuwa atue wɔ asase wesee so. Atu a anka sakraman te mu no, ɛhɔ na ɛserɛ ne demmire ne paparɔs bɛfifirie. 8Na ɔkwantempɔn bɛda hɔ; wɔbɛfrɛ no Ahoteefoɔ Kwan. Wɔn a wɔn ho nteɛ rentu ɛkwan wɔ so; ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnante saa Ɛkwan no so; amumuyɛfoɔ nkwaseafoɔ rennante nante so. 9Gyata biara rentena hɔ, na nkekaboa biara rensi so; wɔrenhunu wɔn wɔ hɔ. Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so, 10na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsane aba. Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion; anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛ. Wɔbɛnya anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmorosoɔ, na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane akɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.