Yesaia 35:3
Isaiah 35:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hyɛ nsa a emu ago no mu den, hyɛ nkotodwe a ahodwo no mu den;
Isaiah 35:3 in English
Isaiah 35:3 · Berean Standard Bible
Strengthen the limp hands and steady the feeble knees!*
Context
1Anweatam ne asase a awo no ani bɛgye;
ɛserɛ bɛdi ahurisie na ayɛ frɔmm.
Te sɛ nhwiren no, 2ɛbɛpae ayɛ fɛɛfɛɛfɛ;
ɛbɛdi ahurisie na ɛde anigyeɛ ateam.
Wɔde Lebanon animuonyam bɛma anweatam no.
Ɛbɛyɛ sɛ Karmel ne Saron ahoɔfɛ;
wɔbɛhunu Awurade animuonyam,
yɛn Onyankopɔn tumi no. 3Hyɛ nsa a emu ago no mu den,
hyɛ nkotodwe a ahodwo no mu den; 4Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ,
“Monhyɛ mo ho den, na monnsuro;
mo Onyankopɔn bɛba,
ɔde aweretɔ bɛba;
ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsoro
bɛba abɛgye mo nkwa.” 5Ɛno na wɔbɛbue anifirafoɔ ani,
na wɔama asotifoɔ aso ate asɛm.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.