Yesaia 34:12
Isaiah 34:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nʼatitire renya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahennie, nʼahenemma mmarima nyinaa bɛtu ayera.
Isaiah 34:12 in English
Isaiah 34:12 · Berean Standard Bible
No nobles will be left to proclaim a king, and all her princes will come to nothing.
Context
10Ɛrennum awia anaa anadwo;
ne wisie bɛfiri a ɛtoɔ rentwa da.
Ɛbɛda mpan firi awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ;
obiara remfa ho bio koraa. 11Anweatam so patuo ne ɔbonsamnoma
bɛgye hɔ afa;
ɔpatuo ne anene bɛtena hɔ.
Onyankopɔn bɛtwe basabasayɛ ahoma
wɔ Edom so,
ɔde bɛsɛe ɔman no. 12Nʼatitire renya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahennie,
nʼahenemma mmarima nyinaa bɛtu ayera. 13Nkasɛɛ bɛgye nʼabankɛsewa afa,
nsansono ne nkasɛɛ bɛfu wɔ nʼabankɛsewa hɔ.
Ɛhɔ bɛyɛ adompo atuo,
ne apatuo tenabea. 14Anweatam so mmoa ne mpataku bɛhyia adi afra,
mpɔnkye aniɔdenfoɔ bɛsu akyerɛ wɔn ho;
ɛhɔ na anadwo mmoa bɛdeda
na wɔde ayɛ wɔn homebea.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.