Yesaia 34:10
Isaiah 34:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛrennum awia anaa anadwo; ne wisie bɛfiri a ɛtoɔ rentwa da. Ɛbɛda mpan firi awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ; obiara remfa ho bio koraa.
Isaiah 34:10 in English
Isaiah 34:10 · Berean Standard Bible
It will not be quenched—day or night. Its smoke will ascend forever. From generation to generation it will lie desolate; no one will ever again pass through it.
Context
8Na ɛyɛ Awurade aweretɔ da
a ɔbɛdi ama Sion. 9Edom nsuwa nsuwa bɛdane agodibea,
ne dɔteɛ bɛdane sɔfe a ɛdɛre
nʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛre! 10Ɛrennum awia anaa anadwo;
ne wisie bɛfiri a ɛtoɔ rentwa da.
Ɛbɛda mpan firi awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ;
obiara remfa ho bio koraa. 11Anweatam so patuo ne ɔbonsamnoma
bɛgye hɔ afa;
ɔpatuo ne anene bɛtena hɔ.
Onyankopɔn bɛtwe basabasayɛ ahoma
wɔ Edom so,
ɔde bɛsɛe ɔman no. 12Nʼatitire renya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahennie,
nʼahenemma mmarima nyinaa bɛtu ayera.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.