Native Bible

Isaiah 34:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nkasɛɛ bɛgye nʼabankɛsewa afa, nsansono ne nkasɛɛ bɛfu wɔ nʼabankɛsewa hɔ. Ɛhɔ bɛyɛ adompo atuo, ne apatuo tenabea.

Isaiah 34:13 in English

Isaiah 34:13 · Berean Standard Bible

Her towers will be overgrown with thorns, her fortresses with thistles and briers. She will become a haunt for jackals,* an abode for ostriches.*

Context

11Anweatam so patuo ne ɔbonsamnoma bɛgye hɔ afa; ɔpatuo ne anene bɛtena hɔ. Onyankopɔn bɛtwe basabasayɛ ahoma wɔ Edom so, ɔde bɛsɛe ɔman no. 12Nʼatitire renya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahennie, nʼahenemma mmarima nyinaa bɛtu ayera. 13Nkasɛɛ bɛgye nʼabankɛsewa afa, nsansono ne nkasɛɛ bɛfu wɔ nʼabankɛsewa hɔ. Ɛhɔ bɛyɛ adompo atuo, ne apatuo tenabea. 14Anweatam so mmoa ne mpataku bɛhyia adi afra, mpɔnkye aniɔdenfoɔ bɛsu akyerɛ wɔn ho; ɛhɔ na anadwo mmoa bɛdeda na wɔde ayɛ wɔn homebea. 15Ɛhɔ na ɔpatuo bɛyɛ ne pirebuo, na wato ne nkosua. Ɔbɛhwane ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so; ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano, obiara ne deɛ ɔka ne ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.