Native Bible

Isaiah 31:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monsane nkɔ deɛ moayɛ ɛdɔm atia no no, Ao Israelfoɔ.

Isaiah 31:6 in English

Isaiah 31:6 · Berean Standard Bible

Return to the One against whom you have so blatantly rebelled, O children of Israel.

Context

4Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me: “Sɛdeɛ gyata pɔ so, sɛdeɛ gyata hoɔdenfoɔ pɔ ne haboa so no a mpo sɛ wɔfrɛ nnwanhwɛfoɔ dɔm kɔ ne so a, wɔn nteateam mmɔ ne hu na wɔn hooyɛ nso nha no no saa ara na Asafo Awurade bɛsiane abɛko wɔ Sion Bepɔ ne ne sorɔnsorɔmmea so. 5Sɛdeɛ nnomaa tu gyina faako wɔ ewiem no saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban; ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no, ɔbɛgyaa no na wagye no asi hɔ.” 6Monsane nkɔ deɛ moayɛ ɛdɔm atia no no, Ao Israelfoɔ. 7Ɛda no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi no ayɛ. 8“Asiria bɛhwe ase wɔ akofena a ɛnyɛ onipa deɛ ano; akofena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe wɔn. Wɔbɛdwane afiri akofena no ano na wɔbɛma wɔn mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.