Native Bible

Isaiah 31:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Asiria bɛhwe ase wɔ akofena a ɛnyɛ onipa deɛ ano; akofena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe wɔn. Wɔbɛdwane afiri akofena no ano na wɔbɛma wɔn mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma.

Isaiah 31:8 in English

Isaiah 31:8 · Berean Standard Bible

“Then Assyria will fall, but not by the sword of man; a sword will devour them, but not one made by mortals. They will flee before the sword, and their young men will be put to forced labor.

Context

6Monsane nkɔ deɛ moayɛ ɛdɔm atia no no, Ao Israelfoɔ. 7Ɛda no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi no ayɛ. 8“Asiria bɛhwe ase wɔ akofena a ɛnyɛ onipa deɛ ano; akofena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe wɔn. Wɔbɛdwane afiri akofena no ano na wɔbɛma wɔn mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma. 9Wɔn aban denden bɛbubu, ehu nti; wɔhunu akofoɔ frankaa a, wɔn asraafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔ huboa,” sei na Awurade seɛ, deɛ ne ogya wɔ Sion, na ne fononoo si Yerusalem no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.