Native Bible

Isaiah 31:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn aban denden bɛbubu, ehu nti; wɔhunu akofoɔ frankaa a, wɔn asraafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔ huboa,” sei na Awurade seɛ, deɛ ne ogya wɔ Sion, na ne fononoo si Yerusalem no.

Isaiah 31:9 in English

Isaiah 31:9 · Berean Standard Bible

Their rock will pass away for fear, and their princes will panic at the sight of the battle standard,” declares the LORD, whose fire is in Zion, whose furnace is in Jerusalem.

Context

7Ɛda no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi no ayɛ. 8“Asiria bɛhwe ase wɔ akofena a ɛnyɛ onipa deɛ ano; akofena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe wɔn. Wɔbɛdwane afiri akofena no ano na wɔbɛma wɔn mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma. 9Wɔn aban denden bɛbubu, ehu nti; wɔhunu akofoɔ frankaa a, wɔn asraafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔ huboa,” sei na Awurade seɛ, deɛ ne ogya wɔ Sion, na ne fononoo si Yerusalem no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.