Yesaia 31:4
Isaiah 31:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me: “Sɛdeɛ gyata pɔ so, sɛdeɛ gyata hoɔdenfoɔ pɔ ne haboa so no a mpo sɛ wɔfrɛ nnwanhwɛfoɔ dɔm kɔ ne so a, wɔn nteateam mmɔ ne hu na wɔn hooyɛ nso nha no no saa ara na Asafo Awurade bɛsiane abɛko wɔ Sion Bepɔ ne ne sorɔnsorɔmmea so.
Isaiah 31:4 in English
Isaiah 31:4 · Berean Standard Bible
For this is what the LORD has said to me: “Like a lion roaring or a young lion over its prey— and though a band of shepherds is called out against it, it is not terrified by their shouting or subdued by their clamor— so the LORD of Hosts will come down to do battle on Mount Zion and its heights.
Context
2Nanso, Awurade yɛ onyansafoɔ a ɔbɛtumi de ɔhaw aba;
ɔnsesa nʼano.
Ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ efie,
ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfoɔ. 3Na Misraimfoɔ yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn.
Wɔn apɔnkɔ yɛ honam na wɔnyɛ honhom.
Sɛ Awurade tene ne nsa a,
ɔboafoɔ bɛhwinti
na deɛ wɔboa no no bɛhwe ase;
wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe. 4Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:
“Sɛdeɛ gyata pɔ so,
sɛdeɛ gyata hoɔdenfoɔ pɔ ne haboa so no
a mpo sɛ wɔfrɛ nnwanhwɛfoɔ dɔm kɔ ne so a,
wɔn nteateam mmɔ ne hu
na wɔn hooyɛ nso nha no no
saa ara na Asafo Awurade bɛsiane
abɛko wɔ Sion Bepɔ ne ne sorɔnsorɔmmea so. 5Sɛdeɛ nnomaa tu gyina faako wɔ ewiem no
saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban;
ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no,
ɔbɛgyaa no na wagye no asi hɔ.” 6Monsane nkɔ deɛ moayɛ ɛdɔm atia no no, Ao Israelfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.