Yesaia 31:2
Isaiah 31:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Awurade yɛ onyansafoɔ a ɔbɛtumi de ɔhaw aba; ɔnsesa nʼano. Ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ efie, ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfoɔ.
Isaiah 31:2 in English
Isaiah 31:2 · Berean Standard Bible
Yet He too is wise and brings disaster; He does not call back His words. He will rise up against the house of the wicked and against the allies of evildoers.
Context
1Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa,
wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,
wɔn a wɔgye wɔn nteaseɛnam dodoɔ
ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ ahoɔden mmorosoɔ no die,
na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no,
anaasɛ wɔmmpɛ mmoa mfiri Awurade hɔ. 2Nanso, Awurade yɛ onyansafoɔ a ɔbɛtumi de ɔhaw aba;
ɔnsesa nʼano.
Ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ efie,
ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfoɔ. 3Na Misraimfoɔ yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn.
Wɔn apɔnkɔ yɛ honam na wɔnyɛ honhom.
Sɛ Awurade tene ne nsa a,
ɔboafoɔ bɛhwinti
na deɛ wɔboa no no bɛhwe ase;
wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe. 4Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:
“Sɛdeɛ gyata pɔ so,
sɛdeɛ gyata hoɔdenfoɔ pɔ ne haboa so no
a mpo sɛ wɔfrɛ nnwanhwɛfoɔ dɔm kɔ ne so a,
wɔn nteateam mmɔ ne hu
na wɔn hooyɛ nso nha no no
saa ara na Asafo Awurade bɛsiane
abɛko wɔ Sion Bepɔ ne ne sorɔnsorɔmmea so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.