Native Bible

Isaiah 31:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so, wɔn a wɔgye wɔn nteaseɛnam dodoɔ ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ ahoɔden mmorosoɔ no die, na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no, anaasɛ wɔmmpɛ mmoa mfiri Awurade hɔ.

Isaiah 31:1 in English

Isaiah 31:1 · Berean Standard Bible

Woe to those who go down to Egypt for help, who rely on horses, who trust in their abundance of chariots and in their multitude of horsemen. They do not look to the Holy One of Israel; they do not seek the LORD.

Context

1Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so, wɔn a wɔgye wɔn nteaseɛnam dodoɔ ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ ahoɔden mmorosoɔ no die, na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no, anaasɛ wɔmmpɛ mmoa mfiri Awurade hɔ. 2Nanso, Awurade yɛ onyansafoɔ a ɔbɛtumi de ɔhaw aba; ɔnsesa nʼano. Ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ efie, ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfoɔ. 3Na Misraimfoɔ yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn. Wɔn apɔnkɔ yɛ honam na wɔnyɛ honhom. Sɛ Awurade tene ne nsa a, ɔboafoɔ bɛhwinti na deɛ wɔboa no no bɛhwe ase; wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.