Native Bible

Isaiah 31:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Misraimfoɔ yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn. Wɔn apɔnkɔ yɛ honam na wɔnyɛ honhom. Sɛ Awurade tene ne nsa a, ɔboafoɔ bɛhwinti na deɛ wɔboa no no bɛhwe ase; wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.

Isaiah 31:3 in English

Isaiah 31:3 · Berean Standard Bible

But the Egyptians are men, not God; their horses are flesh, not spirit. When the LORD stretches out His hand, the helper will stumble, and the one he helps will fall; both will perish together.

Context

1Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so, wɔn a wɔgye wɔn nteaseɛnam dodoɔ ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ ahoɔden mmorosoɔ no die, na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no, anaasɛ wɔmmpɛ mmoa mfiri Awurade hɔ. 2Nanso, Awurade yɛ onyansafoɔ a ɔbɛtumi de ɔhaw aba; ɔnsesa nʼano. Ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ efie, ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfoɔ. 3Na Misraimfoɔ yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn. Wɔn apɔnkɔ yɛ honam na wɔnyɛ honhom. Sɛ Awurade tene ne nsa a, ɔboafoɔ bɛhwinti na deɛ wɔboa no no bɛhwe ase; wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe. 4Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me: “Sɛdeɛ gyata pɔ so, sɛdeɛ gyata hoɔdenfoɔ pɔ ne haboa so no a mpo sɛ wɔfrɛ nnwanhwɛfoɔ dɔm kɔ ne so a, wɔn nteateam mmɔ ne hu na wɔn hooyɛ nso nha no no saa ara na Asafo Awurade bɛsiane abɛko wɔ Sion Bepɔ ne ne sorɔnsorɔmmea so. 5Sɛdeɛ nnomaa tu gyina faako wɔ ewiem no saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban; ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no, ɔbɛgyaa no na wagye no asi hɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.