Yesaia 30:17
Isaiah 30:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Apem bɛdwane ɔbaako ho hu nti; baanum ho hu enti mo nyinaa bɛdwane akɔ, kɔsi sɛ wɔbɛgya mo te sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi, te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.”
Isaiah 30:17 in English
Isaiah 30:17 · Berean Standard Bible
A thousand will flee at the threat of one; at the threat of five you will all flee, until you are left alone like a pole on a mountaintop, like a banner on a hill.
Context
15Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ:
“Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ;
kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ,
nanso, morennya emu biara. 16Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’
Enti mobɛdwane!
Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’
Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ! 17Apem bɛdwane
ɔbaako ho hu nti;
baanum ho hu enti
mo nyinaa bɛdwane akɔ,
kɔsi sɛ wɔbɛgya mo
te sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi,
te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.” 18Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo;
ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ.
Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn.
Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa! 19Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.