Yesaia 30:15
Isaiah 30:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ: “Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ; kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ, nanso, morennya emu biara.
Isaiah 30:15 in English
Isaiah 30:15 · Berean Standard Bible
For the Lord GOD, the Holy One of Israel, has said: “By repentance and rest you would be saved; your strength would lie in quiet confidence— but you were not willing.”
Context
13saa bɔne yi bɛyɛ sɛ
ɔfasuo tentene bi a ate kam na akyea
na ɛbu mpofirim, ama mo. 14Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo.
Ɛbɛyam pasaa a
esini koraa renka a
wɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia mu
anaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.” 15Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ:
“Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ;
kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ,
nanso, morennya emu biara. 16Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’
Enti mobɛdwane!
Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’
Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ! 17Apem bɛdwane
ɔbaako ho hu nti;
baanum ho hu enti
mo nyinaa bɛdwane akɔ,
kɔsi sɛ wɔbɛgya mo
te sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi,
te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.