Native Bible

Isaiah 30:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo. Ɛbɛyam pasaa a esini koraa renka a wɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia mu anaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.”

Isaiah 30:14 in English

Isaiah 30:14 · Berean Standard Bible

It will break in pieces like a potter’s jar, shattered so that no fragment can be found. Not a shard will be found in the dust large enough to scoop the coals from a hearth or to skim the water from a cistern.”

Context

12Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ: “Esiane sɛ moapo saa nkra yi, na mode mo ho ato nhyɛsoɔ ne nnaadaa so enti, 13saa bɔne yi bɛyɛ sɛ ɔfasuo tentene bi a ate kam na akyea na ɛbu mpofirim, ama mo. 14Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo. Ɛbɛyam pasaa a esini koraa renka a wɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia mu anaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.” 15Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ: “Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ; kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ, nanso, morennya emu biara. 16Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’ Enti mobɛdwane! Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’ Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.