Native Bible

Isaiah 30:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ: “Esiane sɛ moapo saa nkra yi, na mode mo ho ato nhyɛsoɔ ne nnaadaa so enti,

Isaiah 30:12 in English

Isaiah 30:12 · Berean Standard Bible

Therefore this is what the Holy One of Israel says: “Because you have rejected this message, trusting in oppression and relying on deceit,

Context

10Wɔka kyerɛ adehufoɔ sɛ, “Monnhunu mo ani so adeɛ bio!” ne adiyifoɔ no nso sɛ, “Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ no nkyerɛ yɛn bio! Monka ahomekasɛm nkyerɛ yɛn, monhyɛ nnaadaa nkɔm. 11Momfiri saa tempɔn yi so, mommane mfiri saa kwan yi ho na monnyae Israel Kronkronni a mode no ha yɛn yi!” 12Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ: “Esiane sɛ moapo saa nkra yi, na mode mo ho ato nhyɛsoɔ ne nnaadaa so enti, 13saa bɔne yi bɛyɛ sɛ ɔfasuo tentene bi a ate kam na akyea na ɛbu mpofirim, ama mo. 14Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo. Ɛbɛyam pasaa a esini koraa renka a wɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia mu anaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.