Yesaia 30:18
Isaiah 30:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo; ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn. Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!
Isaiah 30:18 in English
Isaiah 30:18 · Berean Standard Bible
Therefore the LORD longs to be gracious to you; therefore He rises to show you compassion, for the LORD is a just God. Blessed are all who wait for Him.
Context
16Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’
Enti mobɛdwane!
Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’
Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ! 17Apem bɛdwane
ɔbaako ho hu nti;
baanum ho hu enti
mo nyinaa bɛdwane akɔ,
kɔsi sɛ wɔbɛgya mo
te sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi,
te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.” 18Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo;
ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ.
Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn.
Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa! 19Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ. 20Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu Awurade, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.