Yesaia 30:19
Isaiah 30:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ.
Isaiah 30:19 in English
Isaiah 30:19 · Berean Standard Bible
O people in Zion who dwell in Jerusalem, you will weep no more. He will surely be gracious when you cry for help; when He hears, He will answer you.
Context
17Apem bɛdwane
ɔbaako ho hu nti;
baanum ho hu enti
mo nyinaa bɛdwane akɔ,
kɔsi sɛ wɔbɛgya mo
te sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi,
te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.” 18Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo;
ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ.
Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn.
Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa! 19Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ. 20Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu Awurade, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan. 21Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte ɛnne bi wɔ mo akyi a ɛka sɛ, “Ɛkwan no nie na momfa so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.