Yesaia 29:13
Isaiah 29:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade ka sɛ, “Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn me na wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam, nanso wɔn akoma mmɛn me. Som a wɔsom me no yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.
Isaiah 29:13 in English
Isaiah 29:13 · Berean Standard Bible
Therefore the Lord said: “These people draw near to Me with their mouths and honor Me with their lips, but their hearts are far from Me. Their worship of Me is but rules taught by men.*
Context
11Mo deɛ saa anisoadehunu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mmobɔeɛ mu. Sɛ mode nwoma mmobɔeɛ no ma obi a ɔtumi kenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.” 12Sɛ nso, mode nwoma mmobɔeɛ no ma deɛ ɔnnim akenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Mennim akenkan.” 13Awurade ka sɛ,
“Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn me
na wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam,
nanso wɔn akoma mmɛn me.
Som a wɔsom me no
yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara. 14Enti mɛma nnipa yi ho adwiri wɔn bio.
Mede anwanwadeɛ ntoatoasoɔ bɛyɛ;
mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,
na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.” 15Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ
wɔde wɔn atirimpɔ bɛhinta Awurade,
wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wɔsusu sɛ,
“Hwan na ɔhunu yɛn? Hwan na ɔbɛte aseɛ?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.