Native Bible

Isaiah 29:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti mɛma nnipa yi ho adwiri wɔn bio. Mede anwanwadeɛ ntoatoasoɔ bɛyɛ; mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.”

Isaiah 29:14 in English

Isaiah 29:14 · Berean Standard Bible

Therefore I will again confound these people with wonder upon wonder. The wisdom of the wise will vanish, and the intelligence of the intelligent will be hidden.*”

Context

12Sɛ nso, mode nwoma mmobɔeɛ no ma deɛ ɔnnim akenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Mennim akenkan.” 13Awurade ka sɛ, “Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn me na wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam, nanso wɔn akoma mmɛn me. Som a wɔsom me no yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara. 14Enti mɛma nnipa yi ho adwiri wɔn bio. Mede anwanwadeɛ ntoatoasoɔ bɛyɛ; mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.” 15Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ wɔde wɔn atirimpɔ bɛhinta Awurade, wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wɔsusu sɛ, “Hwan na ɔhunu yɛn? Hwan na ɔbɛte aseɛ?” 16Mosisi nneɛma tiri ase. Modwene sɛ ɔnwomfoɔ no mmom ne dɔteɛ no! Deɛ wayɛ bɛtumi aka akyerɛ deɛ ɔyɛeɛ sɛ, “Wo na woyɛɛ me anaa”? Kukuo bɛtumi aka afa ɔnwomfoɔ ho sɛ “Ɔnnim hwee anaa”?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.