Yesaia 29:15
Isaiah 29:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ wɔde wɔn atirimpɔ bɛhinta Awurade, wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wɔsusu sɛ, “Hwan na ɔhunu yɛn? Hwan na ɔbɛte aseɛ?”
Isaiah 29:15 in English
Isaiah 29:15 · Berean Standard Bible
Woe to those who dig deep to hide their plans from the LORD. In darkness they do their works and say, “Who sees us, and who will know?”
Context
13Awurade ka sɛ,
“Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn me
na wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam,
nanso wɔn akoma mmɛn me.
Som a wɔsom me no
yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara. 14Enti mɛma nnipa yi ho adwiri wɔn bio.
Mede anwanwadeɛ ntoatoasoɔ bɛyɛ;
mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,
na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.” 15Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ
wɔde wɔn atirimpɔ bɛhinta Awurade,
wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wɔsusu sɛ,
“Hwan na ɔhunu yɛn? Hwan na ɔbɛte aseɛ?” 16Mosisi nneɛma tiri ase.
Modwene sɛ ɔnwomfoɔ no mmom ne dɔteɛ no!
Deɛ wayɛ bɛtumi aka akyerɛ deɛ ɔyɛeɛ sɛ,
“Wo na woyɛɛ me anaa”?
Kukuo bɛtumi aka afa ɔnwomfoɔ ho sɛ
“Ɔnnim hwee anaa”? 17Ɛrenkyɛre koraa, Lebanon bɛdane ayɛ asase bereɛ
na asase bereɛ no nso adane ayɛ sɛ kwaeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.