Yesaia 29:11
Isaiah 29:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo deɛ saa anisoadehunu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mmobɔeɛ mu. Sɛ mode nwoma mmobɔeɛ no ma obi a ɔtumi kenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.”
Isaiah 29:11 in English
Isaiah 29:11 · Berean Standard Bible
And the entire vision will be to you like the words sealed in a scroll. If it is handed to someone to read, he will say, “I cannot, because it is sealed.”
Context
9Mo ho nnwiri mo na ɛnyɛ mo nwanwa,
mo ani mfira a monhunu adeɛ;
mommoboro a ɛmfiri nsã,
montotɔ ntentan a ɛmfiri nsaden. 10Awurade de nnahɔɔ ato mo so:
Wakata mo ani (adiyifoɔ no);
wakata mo tiri so (adehufoɔ no). 11Mo deɛ saa anisoadehunu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mmobɔeɛ mu. Sɛ mode nwoma mmobɔeɛ no ma obi a ɔtumi kenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.” 12Sɛ nso, mode nwoma mmobɔeɛ no ma deɛ ɔnnim akenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Mennim akenkan.” 13Awurade ka sɛ,
“Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn me
na wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam,
nanso wɔn akoma mmɛn me.
Som a wɔsom me no
yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.