Yesaia 29:10
Isaiah 29:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade de nnahɔɔ ato mo so: Wakata mo ani (adiyifoɔ no); wakata mo tiri so (adehufoɔ no).
Isaiah 29:10 in English
Isaiah 29:10 · Berean Standard Bible
For the LORD has poured out on you a spirit of deep sleep. He has shut your eyes, O prophets; He has covered your heads, O seers.
Context
8Sɛdeɛ obi a ɛkɔm de no so daeɛ sɛ ɔredidi,
na sɛ ɔnyane a ɔte sɛ ɛkɔm de no;
sɛdeɛ obi a osukɔm de no so daeɛ sɛ ɔrenom nsuo,
nanso ɔnyane a na watɔ piti, na osukɔm de no ara no,
saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodoɔ a
wɔko tia Bepɔ Sion no. 9Mo ho nnwiri mo na ɛnyɛ mo nwanwa,
mo ani mfira a monhunu adeɛ;
mommoboro a ɛmfiri nsã,
montotɔ ntentan a ɛmfiri nsaden. 10Awurade de nnahɔɔ ato mo so:
Wakata mo ani (adiyifoɔ no);
wakata mo tiri so (adehufoɔ no). 11Mo deɛ saa anisoadehunu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mmobɔeɛ mu. Sɛ mode nwoma mmobɔeɛ no ma obi a ɔtumi kenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.” 12Sɛ nso, mode nwoma mmobɔeɛ no ma deɛ ɔnnim akenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Mennim akenkan.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.