Yesaia 29:8
Isaiah 29:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ obi a ɛkɔm de no so daeɛ sɛ ɔredidi, na sɛ ɔnyane a ɔte sɛ ɛkɔm de no; sɛdeɛ obi a osukɔm de no so daeɛ sɛ ɔrenom nsuo, nanso ɔnyane a na watɔ piti, na osukɔm de no ara no, saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodoɔ a wɔko tia Bepɔ Sion no.
Isaiah 29:8 in English
Isaiah 29:8 · Berean Standard Bible
as when a hungry man dreams he is eating, then awakens still hungry; as when a thirsty man dreams he is drinking, then awakens faint and parched. So will it be for all the many nations who go to battle against Mount Zion.
Context
6Asafo Awurade bɛba.
Ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne hooyɛ kɛseɛ,
mframaden ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ bɛba. 7Afei amanaman bebrebe a wɔtu Ariel so sa nyinaa,
wɔn a wɔto hyɛ ɔne nʼaban so na wotua no no,
ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeɛso,
anaa anadwo mu anisoadehunu. 8Sɛdeɛ obi a ɛkɔm de no so daeɛ sɛ ɔredidi,
na sɛ ɔnyane a ɔte sɛ ɛkɔm de no;
sɛdeɛ obi a osukɔm de no so daeɛ sɛ ɔrenom nsuo,
nanso ɔnyane a na watɔ piti, na osukɔm de no ara no,
saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodoɔ a
wɔko tia Bepɔ Sion no. 9Mo ho nnwiri mo na ɛnyɛ mo nwanwa,
mo ani mfira a monhunu adeɛ;
mommoboro a ɛmfiri nsã,
montotɔ ntentan a ɛmfiri nsaden. 10Awurade de nnahɔɔ ato mo so:
Wakata mo ani (adiyifoɔ no);
wakata mo tiri so (adehufoɔ no).
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.