Native Bible

Isaiah 28:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa nhwiren abotire no a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no, wɔbɛtiatia so.

Isaiah 28:3 in English

Isaiah 28:3 · Berean Standard Bible

The majestic crown of Ephraim’s drunkards will be trampled underfoot.

Context

1Nnome nka nhwiren abotire a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no, nka nhwiren a ɛrepa a nʼahoɔfɛ wɔ animuonyam ma Israelfoɔ na ɛda asase bereɛ bɔnhwa so. Nnome nka kuropɔn no, deɛ nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no. 2Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden. Ɔte sɛ asukɔtweaa ne mframa a ɛsɛe adeɛ. Ɔte sɛ osutɔ a ɛne mframa nam, ne osubrane a ɛhyɛ nsuka ma. Ɔbɛto no ahwe fam ahoɔden so. 3Saa nhwiren abotire no a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no, wɔbɛtiatia so. 4Saa nhwiren a nʼahoɔfɛ ɛrepa wɔ animuonyam mu deɛ ɛda asase bereɛ bɔnhwa so no, ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwa berɛ aduru. Sɛ obi hunu na ɔte a ɔdi no ntɛm so. 5Saa ɛda no Asafo Awurade bɛyɛ Animuonyam ahenkyɛ, nhwiren abotire fɛfɛ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.