Native Bible

Isaiah 28:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛda no Asafo Awurade bɛyɛ Animuonyam ahenkyɛ, nhwiren abotire fɛfɛ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ no.

Isaiah 28:5 in English

Isaiah 28:5 · Berean Standard Bible

On that day the LORD of Hosts will be a crown of glory, a diadem of splendor to the remnant of His people,

Context

3Saa nhwiren abotire no a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no, wɔbɛtiatia so. 4Saa nhwiren a nʼahoɔfɛ ɛrepa wɔ animuonyam mu deɛ ɛda asase bereɛ bɔnhwa so no, ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwa berɛ aduru. Sɛ obi hunu na ɔte a ɔdi no ntɛm so. 5Saa ɛda no Asafo Awurade bɛyɛ Animuonyam ahenkyɛ, nhwiren abotire fɛfɛ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ no. 6Ɔbɛyɛ atɛntenenee honhom ama ɔtemmufoɔ a wɔte adwa mu. Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae ama wɔn a wɔpam atamfoɔ wɔ nkuro apono ano. 7Nanso seesei deɛ, asabofoɔ na wɔdi Israel so, na nsaden ma wɔhinhim; nsaden ma asɔfoɔ ne adiyifoɔ tɔ ntentan na nsã ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ; na wɔhinhim. Wɔtɔ ntentan ɛberɛ a wɔrenya anisoadehunu, na wɔn ano fonfom wɔ adwenkyerɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.