Yesaia 28:6
Isaiah 28:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbɛyɛ atɛntenenee honhom ama ɔtemmufoɔ a wɔte adwa mu. Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae ama wɔn a wɔpam atamfoɔ wɔ nkuro apono ano.
Isaiah 28:6 in English
Isaiah 28:6 · Berean Standard Bible
a spirit of justice to him who sits in judgment, and a strength to those who repel the onslaught at the gate.
Context
4Saa nhwiren a nʼahoɔfɛ ɛrepa wɔ animuonyam mu
deɛ ɛda asase bereɛ bɔnhwa so no,
ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwa berɛ aduru.
Sɛ obi hunu na ɔte a
ɔdi no ntɛm so. 5Saa ɛda no Asafo Awurade
bɛyɛ Animuonyam ahenkyɛ,
nhwiren abotire fɛfɛ
ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ no. 6Ɔbɛyɛ atɛntenenee honhom
ama ɔtemmufoɔ a wɔte adwa mu.
Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae
ama wɔn a wɔpam atamfoɔ wɔ nkuro apono ano. 7Nanso seesei deɛ, asabofoɔ na wɔdi Israel so,
na nsaden ma wɔhinhim;
nsaden ma asɔfoɔ ne adiyifoɔ tɔ ntentan
na nsã ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ;
na wɔhinhim.
Wɔtɔ ntentan ɛberɛ a wɔrenya anisoadehunu,
na wɔn ano fonfom wɔ adwenkyerɛ mu. 8Ɛfeɛ agugu apono nyinaa so,
na baabiara ayɛ efi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.