Yesaia 28:2
Isaiah 28:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden. Ɔte sɛ asukɔtweaa ne mframa a ɛsɛe adeɛ. Ɔte sɛ osutɔ a ɛne mframa nam, ne osubrane a ɛhyɛ nsuka ma. Ɔbɛto no ahwe fam ahoɔden so.
Isaiah 28:2 in English
Isaiah 28:2 · Berean Standard Bible
Behold, the Lord has one who is strong and mighty. Like a hailstorm or destructive tempest, like a driving rain or flooding downpour, he will smash that crown to the ground.
Context
1Nnome nka nhwiren abotire a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no,
nka nhwiren a ɛrepa a nʼahoɔfɛ wɔ animuonyam ma Israelfoɔ
na ɛda asase bereɛ bɔnhwa so.
Nnome nka kuropɔn no, deɛ nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no. 2Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden.
Ɔte sɛ asukɔtweaa ne mframa a ɛsɛe adeɛ.
Ɔte sɛ osutɔ a ɛne mframa nam, ne osubrane a ɛhyɛ nsuka ma.
Ɔbɛto no ahwe fam ahoɔden so. 3Saa nhwiren abotire no a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no,
wɔbɛtiatia so. 4Saa nhwiren a nʼahoɔfɛ ɛrepa wɔ animuonyam mu
deɛ ɛda asase bereɛ bɔnhwa so no,
ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwa berɛ aduru.
Sɛ obi hunu na ɔte a
ɔdi no ntɛm so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.