Yesaia 28:20
Isaiah 28:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔtene wɔn mu wɔ so. Nnasoɔ no yɛ tiaa sɛ ɛbɛ so wɔn ho kata.
Isaiah 28:20 in English
Isaiah 28:20 · Berean Standard Bible
Indeed, the bed is too short to stretch out on, and the blanket too small to wrap around you.
Context
18Mɛtwa apam a wo ne owuo ayɛ no mu;
nhyehyɛeɛ a wo ne damena ayɛ no nso rennyina.
Sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a,
ɛbɛtwi afa mo so. 19Mperɛ dodoɔ biara a ɛbɛba no, ɛbɛsoa mo akɔ;
anɔpa, awia ne anadwo biara,
ɛbɛfa mu akɔ.”
Saa nkra yi nteaseɛ
de ehu bɛba. 20Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔtene wɔn mu wɔ so.
Nnasoɔ no yɛ tiaa sɛ ɛbɛ so wɔn ho kata. 21Awurade bɛsɔre sɛdeɛ ɔsɔree wɔ Perasim bepɔ so no.
Ɔbɛkanyane ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bɔnhwa mu no
yɛɛ nʼadwuma nwanwasoɔ no,
na ɔdii dwumadie a ebi mmaa da no. 22Afei gyae wo fɛdie no,
anyɛ saa a, wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru;
Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me
ɔsɛeɛ ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.