Native Bible

Isaiah 28:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei gyae wo fɛdie no, anyɛ saa a, wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru; Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me ɔsɛeɛ ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.

Isaiah 28:22 in English

Isaiah 28:22 · Berean Standard Bible

So now, do not mock, or your shackles will become heavier. Indeed, I have heard from the Lord GOD of Hosts a decree of destruction against the whole land.

Context

20Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔtene wɔn mu wɔ so. Nnasoɔ no yɛ tiaa sɛ ɛbɛ so wɔn ho kata. 21Awurade bɛsɔre sɛdeɛ ɔsɔree wɔ Perasim bepɔ so no. Ɔbɛkanyane ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bɔnhwa mu no yɛɛ nʼadwuma nwanwasoɔ no, na ɔdii dwumadie a ebi mmaa da no. 22Afei gyae wo fɛdie no, anyɛ saa a, wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru; Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me ɔsɛeɛ ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa. 23Montie na monte me nne; monwɛn mo aso na montie deɛ meka. 24Sɛ okuafoɔ funtum asase sɛ ɔrebɛdua so a, ɔyɛ no daa anaa? Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.