Yesaia 28:18
Isaiah 28:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛtwa apam a wo ne owuo ayɛ no mu; nhyehyɛeɛ a wo ne damena ayɛ no nso rennyina. Sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a, ɛbɛtwi afa mo so.
Isaiah 28:18 in English
Isaiah 28:18 · Berean Standard Bible
Your covenant with death will be dissolved, and your agreement with Sheol will not stand. When the overwhelming scourge passes through, you will be trampled by it.
Context
16Enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,
“Hwɛ! Mede ɛboɔ bi retim Sion,
ɛboɔ a wɔasɔ ahwɛ,
tweatiboɔ a ɛsom bo ma fapem a ɛyɛ den;
deɛ ɔde ne ho to soɔ no abasa mu rentu. 17Mede atɛntenenee bɛyɛ susuhoma
na teneneeyɛ ayɛ ɔfasuo kyirebennyɛ susuhoma.
Asukɔtweaa bɛsɛe wo dwanekɔbea, a ɛyɛ atorɔ no,
na nsuo abɛkata wʼatɛeɛ hɔ. 18Mɛtwa apam a wo ne owuo ayɛ no mu;
nhyehyɛeɛ a wo ne damena ayɛ no nso rennyina.
Sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a,
ɛbɛtwi afa mo so. 19Mperɛ dodoɔ biara a ɛbɛba no, ɛbɛsoa mo akɔ;
anɔpa, awia ne anadwo biara,
ɛbɛfa mu akɔ.”
Saa nkra yi nteaseɛ
de ehu bɛba. 20Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔtene wɔn mu wɔ so.
Nnasoɔ no yɛ tiaa sɛ ɛbɛ so wɔn ho kata.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.