Native Bible

Isaiah 28:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mperɛ dodoɔ biara a ɛbɛba no, ɛbɛsoa mo akɔ; anɔpa, awia ne anadwo biara, ɛbɛfa mu akɔ.” Saa nkra yi nteaseɛ de ehu bɛba.

Isaiah 28:19 in English

Isaiah 28:19 · Berean Standard Bible

As often as it passes through, it will carry you away; it will sweep through morning after morning, by day and by night.” The understanding of this message will bring sheer terror.

Context

17Mede atɛntenenee bɛyɛ susuhoma na teneneeyɛ ayɛ ɔfasuo kyirebennyɛ susuhoma. Asukɔtweaa bɛsɛe wo dwanekɔbea, a ɛyɛ atorɔ no, na nsuo abɛkata wʼatɛeɛ hɔ. 18Mɛtwa apam a wo ne owuo ayɛ no mu; nhyehyɛeɛ a wo ne damena ayɛ no nso rennyina. Sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a, ɛbɛtwi afa mo so. 19Mperɛ dodoɔ biara a ɛbɛba no, ɛbɛsoa mo akɔ; anɔpa, awia ne anadwo biara, ɛbɛfa mu akɔ.” Saa nkra yi nteaseɛ de ehu bɛba. 20Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔtene wɔn mu wɔ so. Nnasoɔ no yɛ tiaa sɛ ɛbɛ so wɔn ho kata. 21Awurade bɛsɔre sɛdeɛ ɔsɔree wɔ Perasim bepɔ so no. Ɔbɛkanyane ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bɔnhwa mu no yɛɛ nʼadwuma nwanwasoɔ no, na ɔdii dwumadie a ebi mmaa da no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.