Native Bible

Isaiah 26:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade, yɛfiri ahohia mu baa wo nkyɛn; ɛberɛ a wotwee wɔn aso no, na yɛntumi mmue yɛn ano mpo mmɔ mpaeɛ.

Isaiah 26:16 in English

Isaiah 26:16 · Berean Standard Bible

O LORD, they sought You in their distress; when You disciplined them, they poured out a quiet prayer.

Context

14Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio; ahonhom a wɔafiri mu no, wɔrensɔre. Wotwee wɔn aso na wo sɛee wɔn na yɛn werɛ afiri wɔn. 15Woama ɔman no ayɛ kɛseɛ, Ao Awurade; woama ɔman no ayɛ kɛseɛ; woahyɛ wo ho animuonyam; woatrɛtrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu. 16Awurade, yɛfiri ahohia mu baa wo nkyɛn; ɛberɛ a wotwee wɔn aso no, na yɛntumi mmue yɛn ano mpo mmɔ mpaeɛ. 17Sɛdeɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no firi ɔyea mu nukanuka ne mu na ɔsu no, saa ara na yɛyɛeɛ wɔ wʼanim, Ao Awurade. 18Yɛnyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyea mu nanso yɛwoo mframa. Yɛamfa nkwagyeɛ amma asase so; yɛanwo nnipa amma asase so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.