Yesaia 26:17
Isaiah 26:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no firi ɔyea mu nukanuka ne mu na ɔsu no, saa ara na yɛyɛeɛ wɔ wʼanim, Ao Awurade.
Isaiah 26:17 in English
Isaiah 26:17 · Berean Standard Bible
As a woman with child about to give birth writhes and cries out in pain, so were we in Your presence, O LORD.
Context
15Woama ɔman no ayɛ kɛseɛ, Ao Awurade;
woama ɔman no ayɛ kɛseɛ;
woahyɛ wo ho animuonyam;
woatrɛtrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu. 16Awurade, yɛfiri ahohia mu baa wo nkyɛn;
ɛberɛ a wotwee wɔn aso no,
na yɛntumi mmue yɛn ano mpo mmɔ mpaeɛ. 17Sɛdeɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no
firi ɔyea mu nukanuka ne mu na ɔsu no,
saa ara na yɛyɛeɛ wɔ wʼanim, Ao Awurade. 18Yɛnyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyea mu
nanso yɛwoo mframa.
Yɛamfa nkwagyeɛ amma asase so;
yɛanwo nnipa amma asase so. 19Nanso wʼawufoɔ bɛnya nkwa;
wɔn onipadua bɛsɔre.
Mo a motete mfuturo mu,
monsɔre mfa anigyeɛ nteam.
Mo bosuo te sɛ anɔpa bosuo;
asase bɛyi nʼafunu apue.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.