Native Bible

Isaiah 26:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso wʼawufoɔ bɛnya nkwa; wɔn onipadua bɛsɔre. Mo a motete mfuturo mu, monsɔre mfa anigyeɛ nteam. Mo bosuo te sɛ anɔpa bosuo; asase bɛyi nʼafunu apue.

Isaiah 26:19 in English

Isaiah 26:19 · Berean Standard Bible

Your dead will live; their bodies will rise. Awake and sing, you who dwell in the dust! For your dew is like the dew of the morning, and the earth will bring forth her dead.

Context

17Sɛdeɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no firi ɔyea mu nukanuka ne mu na ɔsu no, saa ara na yɛyɛeɛ wɔ wʼanim, Ao Awurade. 18Yɛnyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyea mu nanso yɛwoo mframa. Yɛamfa nkwagyeɛ amma asase so; yɛanwo nnipa amma asase so. 19Nanso wʼawufoɔ bɛnya nkwa; wɔn onipadua bɛsɔre. Mo a motete mfuturo mu, monsɔre mfa anigyeɛ nteam. Mo bosuo te sɛ anɔpa bosuo; asase bɛyi nʼafunu apue. 20Monkɔ, me nkurɔfoɔ, monhyɛne mo adan mu na montoto apono no mu; momfa mo ho nsie berɛ tiawa bi kɔsi sɛ nʼabufuhyeɛ ano bɛdwo. 21Hwɛ, Awurade refiri nʼatenaeɛ abɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho. Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so adi; ɛrentumi mfa nʼatɔfoɔ nsie bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.