Yesaia 26:18
Isaiah 26:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛnyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyea mu nanso yɛwoo mframa. Yɛamfa nkwagyeɛ amma asase so; yɛanwo nnipa amma asase so.
Isaiah 26:18 in English
Isaiah 26:18 · Berean Standard Bible
We were with child; we writhed in pain; but we gave birth to wind. We have given no salvation to the earth, nor brought any life into the world.
Context
16Awurade, yɛfiri ahohia mu baa wo nkyɛn;
ɛberɛ a wotwee wɔn aso no,
na yɛntumi mmue yɛn ano mpo mmɔ mpaeɛ. 17Sɛdeɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no
firi ɔyea mu nukanuka ne mu na ɔsu no,
saa ara na yɛyɛeɛ wɔ wʼanim, Ao Awurade. 18Yɛnyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyea mu
nanso yɛwoo mframa.
Yɛamfa nkwagyeɛ amma asase so;
yɛanwo nnipa amma asase so. 19Nanso wʼawufoɔ bɛnya nkwa;
wɔn onipadua bɛsɔre.
Mo a motete mfuturo mu,
monsɔre mfa anigyeɛ nteam.
Mo bosuo te sɛ anɔpa bosuo;
asase bɛyi nʼafunu apue. 20Monkɔ, me nkurɔfoɔ, monhyɛne mo adan mu
na montoto apono no mu;
momfa mo ho nsie berɛ tiawa bi
kɔsi sɛ nʼabufuhyeɛ ano bɛdwo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.