Native Bible

Isaiah 26:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio; ahonhom a wɔafiri mu no, wɔrensɔre. Wotwee wɔn aso na wo sɛee wɔn na yɛn werɛ afiri wɔn.

Isaiah 26:14 in English

Isaiah 26:14 · Berean Standard Bible

The dead will not live; the departed spirits will not rise. Therefore You have punished and destroyed them; You have wiped out all memory of them.

Context

12Awurade, woama yɛn asomdwoeɛ; deɛ yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn. 13Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, awuranom afoforɔ bi adi yɛn so, nanso wo din nko ara na yɛkamfo. 14Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio; ahonhom a wɔafiri mu no, wɔrensɔre. Wotwee wɔn aso na wo sɛee wɔn na yɛn werɛ afiri wɔn. 15Woama ɔman no ayɛ kɛseɛ, Ao Awurade; woama ɔman no ayɛ kɛseɛ; woahyɛ wo ho animuonyam; woatrɛtrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu. 16Awurade, yɛfiri ahohia mu baa wo nkyɛn; ɛberɛ a wotwee wɔn aso no, na yɛntumi mmue yɛn ano mpo mmɔ mpaeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.