Native Bible

Isaiah 26:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade, woama yɛn asomdwoeɛ; deɛ yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.

Isaiah 26:12 in English

Isaiah 26:12 · Berean Standard Bible

O LORD, You will establish peace for us. For all that we have accomplished, You have done for us.

Context

10Ɛwom sɛ woyi adom adi kyerɛ amumuyɛfoɔ deɛ, nanso wɔnnsua tenenee yɛ; na mpo teneneefoɔ asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne na wɔmmu Awurade kɛseyɛ. 11Ao Awurade, wɔapagya wo nsa akɔ ɔsoro, nanso wɔnhunu. Ma wɔnhunu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfoɔ ho na ɛnhyɛ wɔn aniwuo; ma ogya a woasɔ ama wʼatamfoɔ no nhye wɔn. 12Awurade, woama yɛn asomdwoeɛ; deɛ yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn. 13Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, awuranom afoforɔ bi adi yɛn so, nanso wo din nko ara na yɛkamfo. 14Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio; ahonhom a wɔafiri mu no, wɔrensɔre. Wotwee wɔn aso na wo sɛee wɔn na yɛn werɛ afiri wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.