Yesaia 26:13
Isaiah 26:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, awuranom afoforɔ bi adi yɛn so, nanso wo din nko ara na yɛkamfo.
Isaiah 26:13 in English
Isaiah 26:13 · Berean Standard Bible
O LORD our God, other lords besides You have had dominion, but Your name alone do we confess.
Context
11Ao Awurade, wɔapagya wo nsa akɔ ɔsoro,
nanso wɔnhunu.
Ma wɔnhunu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfoɔ ho na ɛnhyɛ wɔn aniwuo;
ma ogya a woasɔ ama wʼatamfoɔ no nhye wɔn. 12Awurade, woama yɛn asomdwoeɛ;
deɛ yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn. 13Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, awuranom afoforɔ bi adi yɛn so,
nanso wo din nko ara na yɛkamfo. 14Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio;
ahonhom a wɔafiri mu no, wɔrensɔre.
Wotwee wɔn aso na wo sɛee wɔn
na yɛn werɛ afiri wɔn. 15Woama ɔman no ayɛ kɛseɛ, Ao Awurade;
woama ɔman no ayɛ kɛseɛ;
woahyɛ wo ho animuonyam;
woatrɛtrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.