Yesaia 22:19
Isaiah 22:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛgye wʼadwuma afiri wo nsa mu na wɔayi wo afiri wo dibea so.
Isaiah 22:19 in English
Isaiah 22:19 · Berean Standard Bible
I will remove you from office, and you will be ousted from your position.
Context
17“Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu den
ato wo atwene, Ao wo ɔhoɔdenfoɔ. 18Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa,
na wato wo atwene ɔman kɛseɛ bi so.
Ɛhɔ na wobɛwu
na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ,
wo a woyɛ ahohora ma wo wura efie! 19Mɛgye wʼadwuma afiri wo nsa mu
na wɔayi wo afiri wo dibea so. 20“Saa ɛda no, mɛfrɛ me ɔsomfoɔ Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima. 21Mede wʼatadeɛ yuu bɛhyɛ no na mede wʼabowomu abobare nʼasene mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda efie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.