Yesaia 22:17
Isaiah 22:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu den ato wo atwene, Ao wo ɔhoɔdenfoɔ.
Isaiah 22:17 in English
Isaiah 22:17 · Berean Standard Bible
Look, O mighty man! The LORD is about to shake you violently. He will take hold of you,
Context
15Yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,
“Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfoɔ yi,
Sebna a ɔhwɛ ahemfie no so sɛ, 16Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwan
sɛ bɔ wo damena wɔ ha,
worebɔ wo damena wɔ baabi a ɛkorɔn
na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu? 17“Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu den
ato wo atwene, Ao wo ɔhoɔdenfoɔ. 18Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa,
na wato wo atwene ɔman kɛseɛ bi so.
Ɛhɔ na wobɛwu
na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ,
wo a woyɛ ahohora ma wo wura efie! 19Mɛgye wʼadwuma afiri wo nsa mu
na wɔayi wo afiri wo dibea so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.