Yesaia 22:15
Isaiah 22:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ, “Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfoɔ yi, Sebna a ɔhwɛ ahemfie no so sɛ,
Isaiah 22:15 in English
Isaiah 22:15 · Berean Standard Bible
This is what the Lord GOD of Hosts says: “Go, say to Shebna, the steward in charge of the palace:
Context
13Nanso hwɛ, woka sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ wɔ hɔ;
wokunkum anantwie ne nnwan;
wowe ɛnam na woboro nsã!
Woka sɛ, “Momma yɛnnidi na yɛnnom,
ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu!” 14Awurade, Asafo Awurade ayi me asotire sɛ, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kɔsi wo wu da,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ nie. 15Yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,
“Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfoɔ yi,
Sebna a ɔhwɛ ahemfie no so sɛ, 16Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwan
sɛ bɔ wo damena wɔ ha,
worebɔ wo damena wɔ baabi a ɛkorɔn
na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu? 17“Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu den
ato wo atwene, Ao wo ɔhoɔdenfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.