Native Bible

Isaiah 22:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwan sɛ bɔ wo damena wɔ ha, worebɔ wo damena wɔ baabi a ɛkorɔn na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?

Isaiah 22:16 in English

Isaiah 22:16 · Berean Standard Bible

What are you doing here, and who authorized you to carve out a tomb for yourself here—to chisel your tomb in the height and cut your resting place in the rock?

Context

14Awurade, Asafo Awurade ayi me asotire sɛ, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kɔsi wo wu da,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ nie. 15Yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ, “Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfoɔ yi, Sebna a ɔhwɛ ahemfie no so sɛ, 16Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwan sɛ bɔ wo damena wɔ ha, worebɔ wo damena wɔ baabi a ɛkorɔn na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu? 17“Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu den ato wo atwene, Ao wo ɔhoɔdenfoɔ. 18Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa, na wato wo atwene ɔman kɛseɛ bi so. Ɛhɔ na wobɛwu na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ, wo a woyɛ ahohora ma wo wura efie!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.