Native Bible

Isaiah 22:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa, na wato wo atwene ɔman kɛseɛ bi so. Ɛhɔ na wobɛwu na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ, wo a woyɛ ahohora ma wo wura efie!

Isaiah 22:18 in English

Isaiah 22:18 · Berean Standard Bible

roll you into a ball, and sling you into a wide land. There you will die, and there your glorious chariots will remain—a disgrace to the house of your master.

Context

16Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwan sɛ bɔ wo damena wɔ ha, worebɔ wo damena wɔ baabi a ɛkorɔn na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu? 17“Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu den ato wo atwene, Ao wo ɔhoɔdenfoɔ. 18Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa, na wato wo atwene ɔman kɛseɛ bi so. Ɛhɔ na wobɛwu na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ, wo a woyɛ ahohora ma wo wura efie! 19Mɛgye wʼadwuma afiri wo nsa mu na wɔayi wo afiri wo dibea so. 20“Saa ɛda no, mɛfrɛ me ɔsomfoɔ Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.