Yesaia 2:5
Isaiah 2:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mommra, Ao Yakob fiefoɔ, momma yɛnnante Awurade hann mu.
Isaiah 2:5 in English
Isaiah 2:5 · Berean Standard Bible
Come, O house of Jacob, let us walk in the light of the LORD.
Context
3Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ,
“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so,
nkɔ Yakob Onyankopɔn efie.
Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.”
Mmara no bɛfiri Sion aba
na Awurade asɛm afiri Yerusalem. 4Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn
na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm;
wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ
na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ.
Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena,
na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio. 5Mommra, Ao Yakob fiefoɔ,
momma yɛnnante Awurade hann mu. 6Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ,
Yakob fiefoɔ.
Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma;
wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔ
na wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom. 7Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma;
wɔn ademudeɛ dɔɔso bebree.
Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma;
na wɔn nteaseɛnam dodoɔ nni ano.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.